2 Kings 5:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara.” Ɛwom sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔse: Sɛ AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, merennye hwee. Na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnnye, nanso wampene.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔse: Sɛ AWURADE a megyina n’anim te aseɛ yi, merennye hwee. Na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnnye, nanso wampene.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn nnipa no se: Sɛ AWURADE a migyina n’anim te ase yi, merennye hwee. Na Naaman hyɛɛ no sɛ onnye, nso wampene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Elisa buae se, “Mmere dodow a Onyankopɔn a mesom no te ase yi, merennye akyɛde biara.” Ɛwɔ mu sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ onnye akyɛde no, nanso Elisa annye.