2 Kings 5:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Naaman kaa sɛ, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa ɛnan yi.” Ɔmaa no ntadeɛ nsakyeramu mmienu, kyekyeree sika no wɔ nkotokuo mmienu mu, yii asomfoɔ baanu soaa akyɛdeɛ no, maa Gehasi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Naaman kaa sɛ: Pene na gye talente mmienu. Na ɔhyɛɛ no, na ɔkyekyeree dwetɛ talente mmienu no mmoa mmienu ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu no, na ɔde soaa ne mmeranteɛ mu baanu, na wɔsoa dii n’anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Naaman kaa sɛ: Pene na gye talente mmienu. Na ɔhyɛɛ no, na ɔkyekyeree dwetɛ talente mmienu no mmoa mmienu ne ntadeɛ nsakyeraho mmienu no, na ɔde soaa ne mmeranteɛ mu baanu, na wɔsoa dii n’anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Naaman kae sɛ: Pene so na gye talente abien. Na ɔhyɛɛ no, na ɔkyekyeree talente abien no mmoaa abien ne ntade nsakraho abien no, na ɔde soaa ne mmerante no mu baanu, na wɔsoa dii n’anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Naaman kae se, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa anan yi.” Ɔmaa no ntade nsakramu abien, kyekyeree sika no wɔ nkotoku abien mu, yii asomfo baanu soaa akyɛde no, maa Gehasi.