2 Kings 5:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, na kɔsra odiyifoɔ no. Mɛtwerɛ krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti, Naaman hyɛɛ nʼakwantuo no ase. Ɔfaa dwetɛ akyɛdeɛ kilogram ahasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntadeɛ mmɔho edu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Siriahene no kaa sɛ: Kɔ na bra, na mɛtwerɛ Israel hene no nwoma. Na ɔsii mu kɔe, na ɔfaa dwetɛ dwetikɛseɛ du ne sika nnwetɛbena mpemnsia ne ntadeɛ nsakyeraho du kurae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Siriahene no kaa sɛ: Kɔ na bra, na mɛtwerɛ Israel hene no nwoma. Na ɔsii mu kɔe, na ɔfaa dwetɛ dwetikɛseɛ du ne sika nnwetɛbena mpemnsia ne ntadeɛ nsakyeraho du kurae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Siria hene no kae sɛ: Kɔ na bra, na mɛkyerɛw Israel hene no nhoma. Na osiim kɔe, na ɔfaa dwetɛ dwetikɛse du ne sika nnwetɛbona mpemnsia ne ntade nsakraho du kurae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na kɔsra odiyifo no. Mɛkyerɛw krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti Naaman faa dwetɛ akyɛde kilogram ahaasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntade mmɔho du, na osii mu kɔe.