2 Kings 6:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Elisa te ne fie a ɔne Israel mpanimfoɔ reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ no. Nanso, ansa na abɔfoɔ no rebɛduru no, Elisa ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ, “Owudifoɔ asoma ɔbarima bi sɛ ɔmmɛkum me. Sɛ ɔduru ha a, to ɛpono no mu, na ɔnka akyire. Na ɛrenkyɛre ne wura no bɛdi nʼakyi aba.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso na Elisa te ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn. Na ɔhene somaa onipa dii n’anim. Na ɔbɔfoɔ no nnya nnuruu ne nkyɛn no, ɔno ara ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ moahunu sɛ owudini ba yi asoma sɛ wɔmmɛtwa me tire? Monhwɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no ba a, monto pono mu, na mompia no nkɔ pono ano. Ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim na ɛdi n’akyire yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso na Elisa te ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn. Na ɔhene somaa onipa dii n’anim. Na ɔbɔfoɔ no nnya nnuruu ne nkyɛn no, ɔno ara ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ moahunu sɛ owudini ba yi asoma sɛ wɔmmɛtwa me tire? Monhwɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no ba a, monto pono mu, na mompia no nkɔ pono ano. Ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim na ɛdi n’akyire yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso na Elisa te ne fi, na mpanyimfo no tete ne nkyɛn. Na ɔhene somaa onipa dii n’anim. Na ɔbɔfo no nnya nnuu ne nkyɛn no, ɔno ara ka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: Sɛ muhu sɛ owudifo ba yi asoma sɛ wɔmmɛfa me ti? Monhwɛ, sɛ ɔbɔfo no ba a, monto pon mu, na mumpia no nkɔ ɔpon ano; so ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim na edi n’akyi yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Elisa te ne fi a ɔne Israel mpanyimfo reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfo kɔfrɛɛ no. Nanso ansa na abɔfo no rebedu no, Elisa ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Owudifo asoma ɔbarima bi sɛ ommekum me. Sɛ odu ha a, to pon no mu, na ɔnka akyi. Na ɛrenkyɛ ne wura no bedi nʼakyi aba.”