2 Kings 7:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, wɔsiesiee nteaseɛnam mmienu ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafoɔ kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfoɔ akodɔm no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔfaa apɔnkɔ nteaseɛnam mmienu na ɔhene somaa wɔn maa wɔdii Siriafoɔ dɔm no akyiri sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔfaa apɔnkɔ nteaseɛnam mmienu na ɔhene somaa wɔn maa wɔdii Siriafoɔ dɔm no akyiri sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔfaa apɔnkɔ nteaseɛnam abien na ɔhene somaa wɔn dii Siriafo dɔm no akyi sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti wosiesiee nteaseɛnam abien ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafo kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfo asraafo no.