2 Kings 7:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Samariafoɔ bɔɔ twi, kɔfoo Aramfoɔ sraban no. Ɛno enti, na ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔtɔn asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia saa da no de gye dwetɛ gram dubaako, atokoɔ lita edu nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram dumienu, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no pɛpɛɛpɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna nkurɔfoɔ no firii adie kɔfom Siriafoɔ nsraban no. Na esiam susuo adeɛ baako tiriboɔ bɛyɛɛ dwetɛbena, na ɛmo susuo adeɛ mmienu nso yɛɛ dwetɛbena, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna nkurɔfoɔ no firii adie kɔfom Siriafoɔ nsraban no. Na esiam susuo adeɛ baako tiriboɔ bɛyɛɛ dwetɛbena, na ɛmo susuo adeɛ mmienu nso yɛɛ dwetɛbena, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna nkurɔfo no fii adi kɔfow Siriafo nsra no. Na ɛmo susuw ade biako dii dwetɛbona, na atoko susuw ade abien nso dii dwetɛbona, sɛnea AWURADE kae no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Samariafo bɔɔ twi, kɔfow Aramfo nsraban no. Ɛno nti na ɛyɛ nokware sɛ wɔtɔn asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia saa da no, de gye dwetɛ gram dubaako, atoko lita du nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram du abien, sɛnea Awurade hyɛɛ ho bɔ no pɛpɛɛpɛ.