2 Kings 7:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no yii ne panin, ma ɔhwɛɛ ɛpono no mu ahyɛnfirie so, nanso nnipadɔm no twi faa ne so ma ɔwuiɛ. Enti, biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ ho nkɔm ɛberɛ a ɔhene no baa ne fie no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene yii okunini a ɔtwere ne nsa soɔ no sɛ ɔnhwɛ ɛpono ano; na nkurɔfoɔ no tiatiaa ne so ɛpono no mu, na ɔwui, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no kasa a ɔhene siane baa ne nkyɛn no, ɔkaeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene yii okunini a ɔtwere ne nsa soɔ no sɛ ɔnhwɛ ɛpono ano; na nkurɔfoɔ no tiatiaa ne so ɛpono no mu, na ɔwui, sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no kasa a ɔhene siane baa ne nkyɛn no, ɔkaeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene yii okunini a otweri ne nsa so no sɛ ɔnhwɛ ɔpon ano; na nkurɔfo no tiatiaa no so ɔpon no mu, na owui, sɛnea Onyankopɔn nipa no kae, bere a ɔhene sian baa ne nkyɛn no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no yii ne panyin ma ɔhwɛɛ ɔpon no mu ahyɛmfiri so, nanso nnipadɔm no twiw faa ne so ma owui. Enti biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ ho nkɔm bere a ɔhene no baa ne fi no.