2 Kings 7:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a akwatafoɔ no duruu sraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntomadan no mu mmaako mmaako didiiɛ, nom nsã, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntadeɛ de kɔsieeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na akwatafoɔ no duruu nsraban no ano no, wɔkɔɔ ntomadan baako mu kɔdidii nomee, na wɔfaa dwetɛ ne sika ne ntoma firii hɔ kɔe de kɔhuntae, na wɔsane ba bɛhyɛnee ntomadan foforɔ mu, na wɔfaa hɔ adeɛ nso, na wɔde kɔ kɔhuntae.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na akwatafoɔ no duruu nsraban no ano no, wɔkɔɔ ntomadan baako mu kɔdidii nomee, na wɔfaa dwetɛ ne sika ne ntoma firii hɔ kɔe de kɔhuntae, na wɔsane ba bɛhyɛnee ntomadan foforɔ mu, na wɔfaa hɔ adeɛ nso, na wɔde kɔ kɔhuntae.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na akwatafo no duu nsra no ano no, wɔkɔɔ ntamadan biako mu kodidii nomee, na wɔfaa dwetɛ ne sika ne ntama fii hɔ kɔe de kohintawee, na wɔsan bae bɛhyɛn ntamadan foforo mu, na wɔfaa hɔ ade nso, na wɔkɔe de kosiei.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a akwatafo no duu nsraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntamadan no mu mmaako mmaako didii, nom nsa, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntade de kosiei.