2 Kings 8:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Hasael buaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, bɛtumi adi dwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi?” Nanso, Elisa buaa sɛ, “ Awurade akyerɛ me sɛ, wo na wobɛyɛ Aramhene.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hasael kaa sɛ: Na w’akoa ne deɛn, ɔkraman yi a, sɛ ɔbɛyɛ adeɛ kɛseɛ yi? Na Elisa se: AWURADE ama mahu wo sɛ Siriahene.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hasael kaa sɛ: Na w’akoa ne deɛn, ɔkraman yi a, sɛ ɔbɛyɛ adeɛ kɛseɛ yi? Na Elisa se: AWURADE ama mahu wo sɛ Siriahene.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hasael kae sɛ: Hena ne w’akoa ɔkraman yi a ɔbɛyɛ ade kɛse yi? Na Elisa se: AWURADE ama mahu sɛ wo na wubedi Siria so hene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Hasael buae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, betumi adi dwuma kɛse a ɛte sɛɛ yi?” Elisa buae se, “ Awurade akyerɛ me se, wo na wobɛyɛ Aramhene.”