2 Kings 8:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ, ɛfiri sɛ na ne yere yɛ Ahab ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ, ɛfiri sɛ na ne yere yɛ Ahab ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔfaa Israel ahene kwan so sɛnea Ahab fi yɛe; efisɛ ne yere yɛ Ahab ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Yehoram dii Israel ahemfo anammɔn akyi. Na ɔyɛ omumɔyɛfo te sɛ ɔhene Ahab, efisɛ na waware Ahab mmabea no mu baako. Na Yehoram yɛɛ nea na ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so.