2 Kings 8:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔto hyɛɛ Sair kuro so. Edomfoɔ twaa ɔne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum no mu dwaneeɛ. Yehoram akodɔm nso gyaa no hɔ dwaneeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yoram twaa mu kɔɔ Sair, ne nteaseɛnam nyinaa ka ne ho; na ɔsɔree anadwo, kɔkunkumm Edomfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no; na nkurɔfoɔ no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yoram twaa mu kɔɔ Sair, ne nteaseɛnam nyinaa ka ne ho; na ɔsɔree anadwo, kɔkunkumm Edomfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no; na nkurɔfoɔ no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yoram twaam kɔɔ Sair a ne nteaseɛnam nyinaa ka ne ho; na ɔsɔree anadwo kokunkum Edomfo a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no; na nkurɔfo no guan kokɔɔ wɔn ntamadan mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔtow hyɛɛ Sair kurow so. Edomfo twaa ɔne ne nteaseɛnamkafo ho hyiae, nanso ɔfaa anadwo sum no mu guanee. Yehoram asraafo nso guanee.