2 Kings 8:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no bisaa ɔbaa no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ anaa?” Ɔbaa no buaa sɛ ɛyɛ ampa. Enti, ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ no mu baako sɛ ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Nʼafudeɛ a wɔtwaeɛ a na ɔnni hɔ nyinaa, wɔde maa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene bisaa ɔbaa no no, ɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔhene yii opiani bi maa no sɛ: Hwehwɛ deɛ ɛyɛ ne deɛ nyinaa, ne n’afuo no aba nyinaa, ɛfiri da a ɔgyaa asase yi hɔ de bɛsi nnɛ ma no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene bisaa ɔbaa no no, ɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔhene yii opiani bi maa no sɛ: Hwehwɛ deɛ ɛyɛ ne deɛ nyinaa, ne n’afuo no aba nyinaa, ɛfiri da a ɔgyaa asase yi hɔ de bɛsi nnɛ ma no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene bisaa ɔbea no no, ɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔhene yii opiani bi maa no sɛ: Dan nea ɛyɛ ne de nyinaa ne afuw no aba nyinaa fi da a ogyaw asase yi de besi sesɛɛ ma no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no bisaa ɔbea no se, “Ɛyɛ nokware ana?” Ɔbea no buae se ɛyɛ ampa. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanyimfo no mu baako se ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Ne nnɔbae a wotwae a na onni hɔ nyinaa, wɔde maa no.