2 Kings 9:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yehu sane kɔɔ ne nkurɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara yɛ anaa?” Yehu buaa sɛ, “Wo ara wonim, sɛdeɛ ɔbarima no keka ne nsɛm fa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yehu firii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi bisaa no sɛ: Ɛyɛ anaa? Adɛn nti na ɔbɔdamfoɔ yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim ɔbarima no ne ne nsɛnkeka.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yehu firii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi bisaa no sɛ: Ɛyɛ anaa? Adɛn nti na ɔbɔdamfoɔ yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara monim ɔbarima no ne ne nsɛnkeka.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yehu fii adi baa ne wura nkoa nkyɛn. Na obi ka kyerɛɛ no sɛ: Eye anaa? Ɛdɛn nti na ɔbɔdamfo yi baa wo nkyɛn yi? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara munim ɔbarima no ne ne nsɛnkekae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yehu san kɔɔ ne nkurɔfo mpanyimfo no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no se, “Dɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara kɔ yiye ana?” Yehu buae se, “Wo ara wunim sɛnea ɔbarima no keka ne nsɛm fa.”