2 Kings 9:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, ɔpɔnkɔkafoɔ no kɔhyiaa Yehu bisaa no sɛ, “Ɔhene pɛ sɛ ɔhunu sɛ moreba no asomdwoeɛ so anaa.” Yehu buaa sɛ, “Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Ma mensene!” Ɔwɛmfoɔ no frɛɛ ɔhene sɛ, “Ɔpɔnkɔkafoɔ no ahyia wɔn, nanso ɔmma.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔpɔnkɔsoteni bi kɔ kɔhyiaa no, na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Wo ne asomdwoeɛ wɔ deɛn na ɛyɛ? Bra bɛdi m’akyi! Na ɔwɛmfoɔ no de nkra kɔmaa ɔhene sɛ: Ɔbɔfoɔ no aduru wɔn nkyɛn, nso ɔnsane mma.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔpɔnkɔsoteni bi kɔ kɔhyiaa no, na ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Wo ne asomdwoeɛ wɔ deɛn na ɛyɛ? Bra bɛdi m’akyi! Na ɔwɛmfoɔ no de nkra kɔmaa ɔhene sɛ: Ɔbɔfoɔ no aduru wɔn nkyɛn, nso ɔnsane mma.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔpɔnkɔsotefo bi ka kohyiaa no, na ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Asomdwoe so anaa? Na Yehu se: Asomdwoe fa wo ho dɛn? Bɛsen kɔ m’akyi! Na ɔwɛmfo no kaa sɛ: Ɔbɔfo no adu wɔn nkyɛn, nso ɔnsan mma.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti ɔpɔnkɔkafo no kohyiaa Yehu bisaa no se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?” Yehu buae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn? Di mʼakyi!” Ɔwɛmfo no frɛɛ ɔhene se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔmma.”