2 Kings 9:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafoɔ a ɔtɔ so mmienu. Ɔkɔduruu wɔn nkyɛn bisaa sɛ, “Ɔhene pɛ sɛ ɔhunu sɛ moreba no asomdwoeɛ so anaa.” Bio, Yehu bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wonim fa asomdwoeɛ ho? Di mʼakyi!”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔsomaa ɔpɔnkɔsoteni a ɔtɔ so mmienu; na ɔkɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Ɛyɛ asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Asomdwoeɛ fa wo ho bɛn? Bra bɛdi m’akyi!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔsomaa ɔpɔnkɔsoteni a ɔtɔ so mmienu; na ɔkɔduruu wɔn nkyɛn no, ɔkaa sɛ: Sɛ ɔhene seɛ nie: Ɛyɛ asomdwoeɛ anaa? Na Yehu se: Asomdwoeɛ fa wo ho bɛn? Bra bɛdi m’akyi!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔsomaa ɔpɔnkɔsotefo a oto so abien, na okoduu wɔn nkyɛn no, ɔkae sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Asomdwoe so anaa? Na Yehu se: Asomdwoe fa wo ho dɛn? Bɛsɛn kɔ m’akyi!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafo a ɔto so abien. Okoduu wɔn nkyɛn bisae se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?” Bio, Yehu bisae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn Di mʼakyi!”