2 Kings 9:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Yoram hyɛɛ sɛ, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kɔhyiaa Yehu. Wɔhyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Yehoram kaa sɛ: Monsiesie! Na wɔsiesiee ne teaseɛnam no. Na Israelhene Yehoram ne Yudahene Ahasia firii adi, wɔn nteaseɛnam mu, na wɔfiri kɔhyiaa Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot asase no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Yehoram kaa sɛ: Monsiesie! Na wɔsiesiee ne teaseɛnam no. Na Israelhene Yehoram ne Yudahene Ahasia firii adi, wɔn nteaseɛnam mu, na wɔfiri kɔhyiaa Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot asase no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Yoram kae sɛ: Munsiesie teaseɛnam no! Na wosiesiei. Na Israel hene Yoram ne Yuda hene Ahasia fii adi, wɔn nteaseɛnam mu, na wofi kohyiaa Yehu, na wɔkɔtoo no Yesreelni Nabot asase no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene Yoram hyɛe se, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kohyiaa Yehu. Wohyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so.