2 Kings 9:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a ɔhemmaa Isebel tee sɛ Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛɛ mpomma mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Isebel teeɛ no, ɔkekaa n’ani ho adubire, na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mpomma mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Isebel teeɛ no, ɔkekaa n’ani ho adubire, na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mpomma mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Yehu baa Yesreel. Na Yesebel tee no, ɔkekaa n’aniwa ho adubiri na ɔhyehyɛɛ ne ti, na ɔhwɛɛ mfɛnsere mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a ɔhemmea Isebel tee sɛ Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛw mfɛnsere mu.