2 Kings 9:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu Yehu sɛ ɔne asraafoɔ mpanimfoɔ bi reyɛ nhyiamu. Ɔkaa sɛ, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.” Yehu bisaa sɛ, “Yɛn mu hwan?” Ɔbuaa sɛ, “Wo a woyɛ ɔsahene no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, ɛdɔm so asafohene tete hɔ; na ɔkaa sɛ: Mewɔ asɛm bi mese wo, ɔsafohene. Na Yehu bisaa sɛ: Wone yɛn nyinaa mu hwan? Na ɔse: Mene wo, ɔsafohene.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔduruiɛ no, na hwɛ, ɛdɔm so asafohene tete hɔ; na ɔkaa sɛ: Mewɔ asɛm bi mese wo, ɔsafohene. Na Yehu bisaa sɛ: Wone yɛn nyinaa mu hwan? Na ɔse: Mene wo, ɔsafohene.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na odui no, na hwɛ, dɔm so asafohene tete hɔ; na ɔkae sɛ: Mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo, ɔsafohene. Na Yehu se: Wode yɛn nyinaa mu hena? Na ose: Mede wo, ɔsafohene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Oduu hɔ no, ohuu Yehu sɛ ɔne asraafo mpanyimfo bi reyɛ nhyiamu. Ɔkae se, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.” Yehu bisae se, “Yɛn mu hena?” Obuae se, “Wo a woyɛ ɔsahene no.”