2 Peter 2:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔamane afiri ɛkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɛkwan a Beor ba Bileam a ne sika a ɔnya de yɛ bɔne no kɔfaa so no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
wɔagya ɔkwan tenenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na na ɔpɛ deɛ ɛntene akatua,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
wɔagya ɔkwan tenenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na na ɔpɛ deɛ ɛntene akatua,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
wɔagyaw ɔkwan trenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na ɔpɛɛ nea ɛnteɛ so akatua,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔaman afi ɔkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɔkwan a Beor ba Bileam a ɔde ne sika a onya no yɛ bɔne no kɔfaa so no so.