2 Peter 2:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wɔnnim Kristo koraa a, anka ɛyɛ ma wɔn sene sɛ wɔbɛsua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdane wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na anka ɛyɛ ma wɔn sɛ wɔanhunu tenenee kwan no, kyɛne sɛ wɔahunu, na wɔadane afiri ahyɛdeɛ kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na anka ɛyɛ ma wɔn sɛ wɔanhunu tenenee kwan no, kyɛne sɛ wɔahunu, na wɔadane afiri ahyɛdeɛ kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na anka eye ma wɔn sɛ wɔanhu trenee kwan no, kyɛn sɛ wɔahu na wɔadan afi ahyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ anka wonnim Kristo koraa a, anka eye ma wɔn sen sɛ wobesua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no.