2 Peter 3:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adɔfonom, yei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a matwerɛ abrɛ mo. Metwerɛɛ sɛ mede rebɛkae mo, de akanyane mo adwene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Adɔfo, yei ne nwoma a ɛtɔ so mmienu a meretwerɛ mabrɛ mo. Emu na mede nkaeɛ mekanyane mo adwene gyenegyene,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Adɔfo, yei ne nwoma a ɛtɔ so mmienu a meretwerɛ mabrɛ mo. Emu na mede nkaeɛ mekanyane mo adwene gyenegyene,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Adɔfo, eyi ne nhoma a ɛto so abien a merekyerɛw mabrɛ mo. Emu na mede nkae mekanyan mo adwene gyenennyenen,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adɔfonom, eyi ne krataa a ɛto so abien a makyerɛw abrɛ mo. Mekyerɛw sɛ mede rebɛkae mo, de akanyan mo adwene.