2 Samuel 1:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amaneɛ no sɛ, “Wofiri he?” Na ɔbuaa sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ Amalekni a mete mo asase so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Wofiri he? Na ɔse: Ɔhɔhoɔ Amalekni bi ba ne me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid bisaa aberanteɛ a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Wofiri he? Na ɔse: Ɔhɔhoɔ Amalekni bi ba ne me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid bisaa aberante a ɔka kyerɛɛ no no sɛ: Wufi he? Na ose: Ɔhɔho Amalekni bi ba ne me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid bisaa aberante a ɔbɛbɔɔ wɔn saa amanneɛ no se, “Wufi he?” Na obuae se, “Meyɛ ɔhɔho Amalekni a mete mo asase so.”