2 Samuel 10:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Dawid tee deɛ ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii akodɔm no anim, kɔduruu Helam. Ɛhɔ na Aramfoɔ no fifirii wɔn mpasua so to hyɛɛ Dawid so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, na ɔkɔtwaa Yordan kɔɔ Helam. Na Siriafoɔ twitwaa mpasua hyiaa Dawid, na wɔne no koe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, na ɔkɔtwaa Yordan kɔɔ Helam. Na Siriafoɔ twitwaa mpasua hyiaa Dawid, na wɔne no koe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano na okotwaa Yordan kɔɔ Helam. Na Siriafo twitwaa mpasua hyiaa Dawid na wɔne no koe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Dawid tee nea ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii asraafo no anim, koduu Helam. Ɛhɔ na Aramfo no fifii wɔn mpasua so tow hyɛɛ Dawid so.