2 Samuel 10:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, bio, Aramfoɔ no dwane firii Israelfoɔ no anim. Saa ɛberɛ yi, Dawid akodɔm no kunkumm nteaseɛnamkafoɔ ahanson ne apɔnkɔsotefoɔ mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Siriafoɔ dwanee Israel anim; na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ ahanson ne apɔnkɔfoɔ mpem aduanan, na ɔpiraa ɔsahene Sobak maa no wuu wɔ hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Siriafoɔ dwanee Israel anim; na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ ahanson ne apɔnkɔfoɔ mpem aduanan, na ɔpiraa ɔsahene Sobak maa no wuu wɔ hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Siriafo guanee Israel anim na Dawid kunkum Siriafo mu nteaseɛnamfo ahansɔn ne apɔnkɔsotefo ɔpeduanan, na opiraa ɔsahene Sobak ma owui hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso Aramfo no guan fii Israelfo no anim bio. Saa bere no, Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo ahanson ne apɔnkɔsotefo mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho.