2 Samuel 10:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Yoab hunuu sɛ ɔbɛko akofanu no, ɔyii akodɔm a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfoɔ no wɔ mfikyire hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yoab hunuu sɛ ɛdɔm no kyerɛ n’anim ne n’akyiri no, ɔyii Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi maa wɔmia kɔhyiaa Siriafoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yoab hunuu sɛ ɛdɔm no kyerɛ n’anim ne n’akyiri no, ɔyii Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi maa wɔmia kɔhyiaa Siriafoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yoab hui sɛ dɔm no ani kyerɛ no anim ne akyiri no, ɔpaw Israel mu dɔmmarima nyinaa mu bi ma wotwitwa kohyiaa Siriafo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Yoab huu sɛ ɔrebɛko akofanu no, oyii asraafo a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfo no wɔ mfikyiri hɔ.