2 Samuel 11:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda bi anwummerɛ a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre firii ne mpa so nante faa nʼahemfie no atifi. Ɔgyina hɔ no, ɔhunuu ɔbaa bi sɛ ɔredware. Na ɔbaa no ho yɛ fɛ yie,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛbae sɛ da bi anwummere a Dawid asɔre afi ne nnae so na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ofi ɔdan no atifi hɔ huu ɔbea bi sɛ ɔreguare na ɔbea no, wohwɛ no a, ne ho yɛ fɛ sɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da bi anwummere a Dawid ayi nʼani so kakra no, ɔsɔre fii ne mpa so nantew faa nʼahemfi no atifi. Ogyina hɔ no, ohuu ɔbea bi sɛ ɔreguare. Na ɔbea no ho yɛ fɛ yiye;