2 Samuel 11:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa gyinaberɛ a Yoab ne akodɔm no wɔ mu ne sɛdeɛ ɔko no rekɔ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛberɛ a Uria bɛduruu ne nkyɛn no, Dawid bisaa no sɛdeɛ Yoab ne ɛdɔm no ho teɛ ne sɛdeɛ ɛsa no rekorɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛberɛ a Uria bɛduruu ne nkyɛn no, Dawid bisaa no sɛdeɛ Yoab ne ɛdɔm no ho teɛ ne sɛdeɛ ɛsa no rekorɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Uria duu ne nkyɛn no, Dawid bisaa no sɛnea Yoab ne dɔm no te ne sɛ ɔsa no te.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Uria duu Dawid nkyɛn no, obisaa gyinabea a Yoab ne asraafo no wɔ mu ne sɛnea ɔko no rekɔ so.