2 Samuel 12:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ne nnanson so, abɔfra no wuiɛ. Na Dawid afotufoɔ no suro sɛ wɔbɛbɔ no amaneɛ sɛ abɔfra no awu, ɛfiri sɛ, na wɔn adwene ne sɛ, “Ɛberɛ a na abɔfra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no sɛ abɔfra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na da a ɛtɔ so nson no akɔkoaa no wui. Na Dawid asomfoɔ no suroo sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ akɔkoaa no awu, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, akɔkoaa no da so te aseɛ no mpo, yɛne no kasae, na wantie yɛn: Na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ akɔkoaa no awu na ɔrenyɛ ne ho bɔne bi anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na da a ɛtɔ so nson no akɔkoaa no wui. Na Dawid asomfoɔ no suroo sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ akɔkoaa no awu, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, akɔkoaa no da so te aseɛ no mpo, yɛne no kasae, na wantie yɛn: Na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ akɔkoaa no awu na ɔrenyɛ ne ho bɔne bi anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na da a ɛto so ason no, akokoaa no wui. Na Dawid nkoa suroe sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ akokoaa no awu na wɔkae sɛ: Hwɛ, akokoaa no da so te ase no po, yɛne no kasae, na wantie yɛn. Na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ akokoaa no awu na ɔrenyɛ bɔne bi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ne nnanson so, abofra no wui. Na Dawid afotufo no suro sɛ wɔbɛbɔ no amanneɛ sɛ abofra no awu, efisɛ na wɔn adwene ne se, “Bere a na abofra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no se abofra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.”