2 Samuel 12:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛ, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛ no a aboɔdemmoɔ bobɔ mu. Na emu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan. Dawid foo asadeɛ bebree wɔ kuropɔn no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyii wɔn hene abotire firii ne ti; na ne emu duro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi baeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyii wɔn hene abotire firii ne ti; na emu duro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi baeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na oyii wɔn hene abotiri fii ne ti; ne duru si sika dwetikɛse, na aboɔden abo wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kurow no mu asade bebree pa fi bae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛw, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛw no a aboɔdenmmo bobɔ mu a, na ɛkari nsania ani kilogram aduasa anan. Dawid fow asade bebree wɔ kuropɔn no mu.