2 Samuel 12:31 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsane faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɛwan, pinkase ne nkuma yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkuro nyinaa so dii noɔ. Na Dawid ne nʼakodɔm sane kɔɔ Yerusalem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔde nnipa a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ adwuma denden, ntaayaa fononoo ho; na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔde nnipa a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ adwuma denden, ntaayaa fononoo ho; na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no fi bae, na ɔma wɔde sradaa ne fatudade ne dade mmonnua yɛɛ adwuma na wɔyɛɛ ntayaa fononoo ho adwuma dennen. Na sɛɛ na ɔde yɛɛ Amonfo nkurow nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa san baa Yerusalem.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsan faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɔwan, pinkase ne mmonnua yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkurow nyinaa so dii no. Na Dawid ne nʼakofo san kɔɔ Yerusalem.