2 Samuel 12:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adɛn enti na woabu Awurade asɛm animtia, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛdɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtiaa ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrante akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na ɔno de, wode Amonfo nkrante adi no awu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adɛn nti na woabu Awurade asɛm animtiaa, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere.