2 Samuel 13:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, ɔsomfoɔ no pamoo no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛdeɛ na amanneɛ kyerɛ wɔ ɔhene babaa a ɔyɛ ɔbaabunu ho no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso na atadeɛ nworonnworan yuu bi hyɛ no, na saa ntadeɛ na na ɔhene mmammaa a wɔyɛ mmabunu no hyɛ. Na ne somfoɔ no de no firii adi, na ɔtoo ɛpono akyi korɔkorɔ mu wɔ n’akyi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso na atadeɛ nworonnworan yuu bi hyɛ no, na saa ntadeɛ na na ɔhene mmammaa a wɔyɛ mmabunu no hyɛ. Na ne somfoɔ no de no firii adi, na ɔtoo ɛpono akyi korɔkorɔ mu wɔ n’akyi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso atade nworannworan yuu bi hyɛ no na saa mmatakari no na ɔhene mmabea a wɔyɛ mmabun no hyɛ. Na ne somfo no de no fii adi na ɔtoo ɔpon akyi korɔkorɔ mu guu n’akyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti ɔsomfo no pam no. Na ɔhyɛ batakari tenten fɛfɛ bi sɛnea na amanne kyerɛ wɔ ɔhene babea a ɔyɛ ɔbabun ho no.