2 Samuel 13:2 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kɔsii sɛ ɛbɔɔ no yadeɛ. Na ɔyɛ ɔbaabunu enti, na Amnon susu sɛ ne dɔ no nkɔsi hwee.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Amnon nuabaa Tamar nti ne ho hiahiaa no maa no patu yaree. Na ɔyɛ ɔbaabunu, saa nti ɛyɛɛ Amnon den sɛ ɔbɛyɛ no biribie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Amnon nuabaa Tamar nti ne ho hiahiaa no maa no patu yaree. Na ɔyɛ ɔbaabunu, saa nti ɛyɛɛ Amnon den sɛ ɔbɛyɛ no biribie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Amnon ne nuabea Tamar nti ne ho hiaa no ma ɔyaree, na ɔyɛ ɔbaabun na ɛyɛɛ Amnon den sɛ ɔbɛyɛ no biribi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Amnon tuu nʼani sii Tamar so ara kosii sɛ ɛbɔɔ no yare. Na ɔyɛ ɔbabun nti, na na ɛyɛ sɛ Amnon rentumi nyɛ no hwee.