2 Samuel 13:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ne nuabarima Absalom hunuu no bisaa no sɛ, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada anaa? Yɛ dinn, me nuabaa; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wʼakoma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhoni baa wɔ Absalom fie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ne nua Absalom bisaa no sɛ: Wo nua Amnon ne wo ada anaa? Na afei, me nua, mua w’ano, ɔyɛ wo nua. Mfa w’akoma nto asɛm yi so. Na Tamar de awerɛhoɔ tenaa ne nua Absalom fie komm.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ne nua Absalom bisaa no sɛ: Wo nua Amnon ne wo ada anaa? Na afei, me nua, mua w’ano, ɔyɛ wo nua. Mfa w’akoma nto asɛm yi so. Na Tamar de awerɛhoɔ tenaa ne nua Absalom fie komm.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ne nua Absalom ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nua Amnon akɔ wo ho anaa? Na afei, me nua, mua w’ano, ɔyɛ wo nua. Mfa wo koma nto asɛm yi so. Na Tamar tenaa ne nua Absalom fi komm.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ne nuabarima Absalom huu no bisaa no se, “Wo nuabarima Amnon ne wo ada ana? Yɛ dinn, me nuabea; ɔyɛ wo nuabarima. Mfa saa asɛm yi nhyɛ wo koma mu.” Na Tamar tenaa ase sɛ ankonam werɛhonibea wɔ Absalom fi.