2 Samuel 13:34 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no, na Absalom adwane. Ɔwɛmfoɔ a ɔwɔ Yerusalem ɔfasuo so no hunuu sɛ ɛdɔm kɛseɛ firi atɔeɛ fam reba kuro no mu. Ɔtuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amaneɛ sɛ, “Mahunu sɛ ɛdɔm firi Horonaim ɛkwan a ɛda bepɔ no nkyɛn mu hɔ no so reba.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Absalom dwaneeɛ. Na aberanteɛ a ɔwɛn no no maa n’ani so hwɛe, na hwɛ, na nnipa bebree nam kwan a ɛwɔ n’akyire no so bepɔ ho nkyɛn mu reba.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Absalom dwaneeɛ. Na aberanteɛ a ɔwɛn no no maa n’ani so hwɛe, na hwɛ, na nnipa bebree nam kwan a ɛwɔ n’akyire no so bepɔ ho nkyɛn mu reba.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Absalom guanee. Na aberante a ɔwɛn no maa n’ani so hwɛe na hwɛ, nnipa bebree nam Horonaim kwan a ɛwɔ n’akyi no so, bepɔw nkyɛn mu, reba.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no, na Absalom aguan. Ɔwɛmfo a ɔwɔ Yerusalem fasu so no huu sɛ dɔm kɛse fi atɔe fam reba kurow no mu. Otuu mmirika kɔbɔɔ ɔhene amanneɛ se, “Mahu sɛ dɔm fi Horonaim kwan a ɛda bepɔw no nkyɛn mu hɔ no so reba.”