2 Samuel 13:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fie, kɔnoaa aduane maa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid soma maa wɔkɔɔ Tamar nkyɛn efie sɛ: Kɔ wo nua Amnon fie ɛ, na kɔyɛ aduane ma no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid soma maa wɔkɔɔ Tamar nkyɛn efie sɛ: Kɔ wo nua Amnon fie ɛ, na kɔyɛ aduane ma no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid soma kɔɔ Tamar nkyɛn ofie sɛ: Kɔ wo nua Amnon fi ɛ na kɔyɛ aduan ma no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid penee so, somaa Tamar kɔɔ Amnon fi, kɔnoaa aduan maa no.