2 Samuel 14:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no bisaa sɛ, “Yoab na ɔsomaa wo ha anaa?” Ɔbaa no buaa sɛ, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa yei ho atorɔ? Obiara ntumi mfa biribiara nhinta wo. Ɛyɛ nokorɛ sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene bisaa no sɛ: Yoab nka wo ho yei nyinaa mu anaa? Na ɔbaa no buaa sɛ: Sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura ɔhene, ɛnyɛ sɛ obi bɛmane nifa anaa benkum afiri deɛ me wura ɔhene aka no nyinaa ho; na w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me, na ɔno ara na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anomu;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene bisaa no sɛ: Yoab nka wo ho yei nyinaa mu anaa? Na ɔbaa no buaa sɛ: Sɛ wo kra te aseɛ yi, me wura ɔhene, ɛnyɛ sɛ obi bɛmane nifa anaa benkum afiri deɛ me wura ɔhene aka no nyinaa ho; na w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me, na ɔno ara na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anomu;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene kae sɛ: So Yoab nsa wɔ nsɛm yi nyinaa mu anaa? Na ɔbea no buae sɛ. Sɛ wo kra te ase yi, me wura ɔhene, ɛnyɛ sɛ obi bɛman nifa anaa benkum afi nea me wura ɔhene aka no nyinaa ho. Na w’akoa Yoab na ɔhyɛɛ me na ɔno ara na ɔde nsɛm yi nyinaa hyɛɛ w’afenaa anom.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Yoab na ɔsomaa wo ha ana?” Ɔbea no buae se, “Me wura, Daasebrɛ, ɛbɛyɛ dɛn na matwa eyi ho atoro? Obiara ntumi mfa biribiara nhintaw wo. Ɛyɛ nokware sɛ Yoab na ɔsomaa me, na ɔkyerɛɛ me asɛm a menka.