2 Samuel 14:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afe biara, na ɔyi ne ti pɛnkorɔ, ɛfiri sɛ, ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ ɔyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram mmienu ne fa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔyi ne ti a, (nso daa afe duru a ɔyi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ a ne tiri afu dodo,) na wɔkari ne tirinwi no a, ɛyɛ nnwetɛbena ahanu ɔhene abrammoɔ so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔyi ne ti a, (nso daa afe duru a ɔyi, ɛfiri sɛ, ɛyɛ a ne tiri afu dodo,) na wɔkari ne tirinwi no a, ɛyɛ nnwetɛbena ahanu ɔhene abrammoɔ so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ oyi ne ti, nso daa afe du a, oyi, efisɛ ɛyɛ no duru a, oyi na wɔkari ne ti nwi no a, esi nnwetɛbona ahanu, ɔhene abrammo so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afe biara, na oyi ne ti pɛnkoro, efisɛ ne nwi no yɛ adesoa ma no. Na sɛ oyi na ɔkari a, na ɛyɛ kilogram abien ne fa.