2 Samuel 14:33 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a wate ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom bɛduruu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid fee nʼano.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no, na ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene nkyɛn, na ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim, na ɔhene yɛɛ Absalom atuu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Yoab kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no, na ɔfrɛɛ Absalom, na ɔbaa ɔhene nkyɛn, na ɔbɔɔ ne mu ase wɔ ɔhene anim, na ɔhene yɛɛ Absalom atuu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Yoab baa ɔhene nkyɛn bɛka kyerɛɛ no na ɔfrɛɛ Absalom na ɔbaa ɔhene nkyɛn na ɔkotow no de n’anim butuw fam ɔhene anim na ɔhene few Absalom ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Yoab kaa asɛm a Absalom aka akyerɛ no no kyerɛɛ ɔhene no. Afei, Dawid frɛɛ ne ba a watew ne ho no, ma ɔbaa nʼanim. Absalom beduu ɔhene no anim no, ɔbɔɔ ne mu ase, na Dawid few nʼano.