2 Samuel 15:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monyɛ no ntɛm na yɛnnwane mfiri ha, ansa na waduru ha, sɛdeɛ amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kuro mu no nyinaa.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔne no wɔ Yerusalem nyinaa sɛ: Monsɔre mma yɛnnwane, na Absalom ammɛku yɛn. Monyɛ ntɛm ma yɛnkɔ, na wammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrantɛ ano ammɛbɔ kuro yi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔne no wɔ Yerusalem nyinaa sɛ: Monsɔre mma yɛnnwane, na Absalom ammɛku yɛn. Monyɛ ntɛm ma yɛnkɔ, na wammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrantɛ ano ammɛbɔ kuro yi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔne no wɔ Yerusalem nyinaa sɛ: Monsɔre mma yenguan na yɛrennya mu afiye Absalom anim. Monyɛ ntɛm mma yɛnkɔ na wanyɛ ntɛm ammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi na wamfa nkrante ammɛbɔ kurow yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhɔ ara, Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monyɛ no ntɛm na yenguan mfi ha, ansa na wadu ha, sɛnea amanehunu bɛpare yɛn ne Yerusalem kurow mu no nyinaa.”