2 Samuel 15:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no sɛ, “Adɛn enti na woka yɛn ho rekɔ? Sane kɔka wo nkurɔfoɔ ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔhɔhoɔ wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asuo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai sɛ: Adɛn nti na wo nso wone yɛn rekorɔ? Sane kɔ, na kɔtena ɔhene nkyɛn, na woyɛ ɔnanani ne wo kuro mu ɔtukɔni nso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai sɛ: Adɛn nti na wo nso wone yɛn rekorɔ? Sane kɔ, na kɔtena ɔhene nkyɛn, na woyɛ ɔnanani ne wo kuro mu ɔtukɔni nso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai sɛ: Ɛdɛn nti na wo nso ne yɛn rekɔ? San kɔ na kɔtena ɔhene nkyɛn na woyɛ ɔnanani ne nea wɔatu no afi ne kurow mu nso.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no bisaa Gatni Itai a ɔyɛ ɔsafohene no se, “Adɛn nti na woka yɛn ho rekɔ? San kɔka wo nkurɔfo ho, na monkɔ ɔhene Absalom nkyɛn, efisɛ woyɛ ɔhɔho wɔ Israel ne ɔmamfrani a wɔatwa wo asu.