2 Samuel 15:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid buaa no sɛ, “Ɛyɛ, ka yɛn ho.” Ɛno enti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fiefoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ: Bra bɛsene! Na Gatni Itai ne ne mmarima nyinaa ne mmɔfra a wɔka ne ho no nyinaa bɛtwaa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ: Bra bɛsene! Na Gatni Itai ne ne mmarima nyinaa ne mmɔfra a wɔka ne ho no nyinaa bɛtwaa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ: Bra bɛsen! Na Gatni Itai ne ne mmarima nyinaa ne mmofra a wɔka ne ho no nyinaa betwaam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid buaa no se, “Eye, ka yɛn ho.” Ɛno nti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fifo kaa wɔn ho kɔe.