2 Samuel 15:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok sɛ, “Sane fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ menya Awurade anim adom a, ɔbɛsane de me aba ama mahunu Adaka no ne ne ntomadan no bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Nyankopɔn adaka no sane kɔ kuro no mu. Sɛ menya AWURADE anim adom a, ɔde me bɛsane aba, na wama mabɛhu no ne ne tenabea bio.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Nyankopɔn adaka no sane kɔ kuro no mu. Sɛ menya AWURADE anim adom a, ɔde me bɛsane aba, na wama mabɛhu no ne ne tenabea bio.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Onyankopɔn adaka no san kɔ kurow no mu. Sɛ menya AWURADE anim anuonyam a, ɔde me bɛsan aba na wama mabehu no ne ne tenabea bio.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no ka kyerɛɛ Sadok se, “San fa Onyankopɔn Adaka no kɔ kuropɔn no mu. Sɛ minya Awurade anim adom a, ɔbɛsan de me aba ama mahu Adaka no ne ne ntamadan no bio.