2 Samuel 15:34 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sane kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom sɛ, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufoɔ sɛdeɛ da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufoɔ no.’ Ɛba saa a, wobɛtumi atia Ahitofel afotuo mu, asɛe no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ wosane kɔ kuro no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛdeɛ akane no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei deɛ, mɛyɛ w’akoa, a, wobɛma Ahitofel agyinatuo no ayɛ ɔkwa ama me.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ wosane kɔ kuro no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛdeɛ akane no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei deɛ, mɛyɛ w’akoa, a, wobɛma Ahitofel agyinatuo no ayɛ ɔkwa ama me.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ wosan kɔ kurow no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛnea kan no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei de, mɛyɛ w’akoa a wobɛma Ahitofel agyinatu no ayɛ ɔkwa ama me.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
San kɔ Yerusalem, na ka kyerɛ Absalom se, ‘Afei, mɛyɛ wo fotufo sɛnea da bi hɔ no na meyɛ wʼagya fotufo no.’ Ɛba saa a, wubetumi atia Ahitofel afotu mu, asɛe no.