2 Samuel 15:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mfirinhyia ɛnan akyi, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔdeɛ mma Awurade sɛdeɛ mahyɛ no bɔ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mfirinhyia nnan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboadeɛ a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mfirinhyia nnan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboadeɛ a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mfirihyia anan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboade a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mfirihyia anan akyi no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ma menkɔ Hebron na menkɔbɔ afɔre mma Awurade sɛnea mahyɛ no bɔ no.