2 Samuel 15:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no sɛ, ‘Sɛ Awurade de me sane ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔdeɛ ama no wɔ Hebron.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛfiri sɛ metenaa Gesur wɔ Aram no, w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me sane ba Yerusalem a, ɛnneɛ mɛsom AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛfiri sɛ metenaa Gesur wɔ Aram no, w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me sane ba Yerusalem a, ɛnneɛ mɛsom AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Efisɛ metenaa Gesur wɔ Aram no w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me san ba Yerusalem a, ɛnne mɛsom AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a na mewɔ Gesur no na mehyɛɛ saa bɔ no se, ‘Sɛ Awurade de me san ba Yerusalem a, mɛbɔ afɔre ama no wɔ Hebron.’ ”