2 Samuel 16:1 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid sianee bepɔ no pɛ na ɔne Mefiboset ɔsomfoɔ Siba hyiaeɛ. Na ɔdi mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ burodo mua ahanu, bobe aba a wɔabɔ no ntowantowa ɔha ne nsã nwoma kotokuo ma wɔ wɔn so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛberɛ a Dawid twaa mu firii bepɔ no atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset somfoɔ Siba bɛhyiaa no; ɔde mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso paanoo mmua ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no ntoantoa ɔha ne borɔdɔma ntoantoa ɔha ne nsa nwoma kotokuo ma.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛberɛ a Dawid twaa mu firii bepɔ no atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset somfoɔ Siba bɛhyiaa no; ɔde mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso paanoo mmua ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no ntoantoa ɔha ne borɔdɔma ntoantoa ɔha ne nsa nwoma kotokuo ma.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid twaam fii atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset abofra Siba behyiaa no; ɔde mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso abodoo sebɔw ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne awia bere mu borɔdɔma ɔha ne nsa aboa nhoma kotoku ma.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid sian bepɔw no pɛ na ɔne Mefiboset somfo Siba hyiae. Na ɔwɔ mfurum abien a wɔahyehyɛ brodo mua ahannu, bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne nsa nhoma kotoku ma wɔ wɔn so.