2 Samuel 16:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɔhene no kaa sɛ, “Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mmammarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no sɛ, ɔnnome me a, me ne hwan a mɛtumi aka akyerɛ no sɛ ɔnnyae?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene kaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma no nnome ara, na sɛ AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! a, hwan na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Adɛn nti na woreyɛ sei?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene kaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma no nnome ara, na sɛ AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! a, hwan na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Adɛn nti na woreyɛ sei?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene se: Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma ɔnnome ara, na AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! Na ɛhena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛ sɛɛ?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ɔhene no kae se, “Dɛn na me ne mo Seruia mmabarima bɛyɛ? Sɛ Awurade aka akyerɛ no se, ɔnnome me a, me ne hena a metumi aka akyerɛ no se onnyae?”