2 Samuel 16:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn ɛkwan a saa ɛberɛ no, na Simei nso nam bepɔ bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, toto aboɔ bɔ Dawid, tu mfuturo gu ewiem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid ne ne nnipa no nam kwan no so rekorɔ no, na Simei nso nam bepɔ no ho ntentensoɔ rekɔ; na ɔrekorɔ no, na ɔredome ara paa no aboɔ, na ɔtoo mfuturo peteeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid ne ne nnipa no nam kwan no so rekorɔ no, na Simei nso nam bepɔ no ho ntentensoɔ rekɔ; na ɔrekorɔ no, na ɔredome ara paa no aboɔ, na ɔtoo mfuturo peteeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid ne ne nnipa nam ɔkwan no so rekɔ no na Simei nam bepɔw no ho ne ntentenso rekɔ; na ɔrekɔ no, na ɔdome ara, na osianee no paa no abo, na ɔtow mfutuma petee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn kwan a saa bere no, na Simei nso nam bepɔw bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, totow abo bɔ Dawid, tu mfutuma gu wim.