2 Samuel 16:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Absalom bisaa Husai sɛ, “Yei ne ɛkwan a wode wʼadamfo Dawid fa soɔ? Adɛn enti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Absalom bisaa Husai sɛ: W’adɔeɛ a wode yɛ w’adamfo nie? Adɛn nti na wo ne w’adamfo no ankorɔ?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Absalom bisaa Husai sɛ: W’adɔeɛ a wode yɛ w’adamfo nie? Adɛn nti na wo ne w’adamfo no ankorɔ?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Absalom ka kyerɛɛ Husai sɛ: W’adɔe a wode yɛ w’adamfo ni? Ɛdɛn nti na wo ne w’adamfo no ankɔ?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Absalom bisaa Husai se, “Eyi ne ɔkwan a wode wʼadamfo Dawid fa so? Adɛn nti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”